Showing posts with label church of pentecost. Show all posts
Showing posts with label church of pentecost. Show all posts

The tenets of The Church of Pentecost (Akuapem Twi)

Pentekost Asɔre no kyerɛ titiriw (tenets) anaasɛ asɔre no gyidi nnyinaso 


1. Kyerɛw Kronkron

Yɛgye di sɛ Kyerɛw Kronkron fi Nyame Home ne Ne Tumi mu, sɛ nea Kyerɛw no ka na ɛkyerɛ nyinaa ye, na ɛne tumi nyinaa ti (2 Tim. 3:16; Pet. 1:21).

2. Nokware Nyankopɔn Koro No

Yɛgye di sɛ Nokware Nyankopɔn Koro na Ɔwɔ hɔ: Elohim, nea ɔbɔɔ wiase nyinaa, na obi ntumi nhwehwɛ nhu ne mu nwie da; nanso ɔda Ne ho adi sɛ Onyame-Baasa-Koro--Onyame Agya, Onyame Ɔba ne Onyame Honhom Kronkron--Wɔyɛ baako wɔ su, nneyɛe ne tumi mu--Otumfoɔ, Onim-ade-nyinaa na Ɔwɔ mmaa nyinaa (Gɛn. 1:1; Mat. 3:16-17; 1 Yoh. 5:7).

3. Onipa sɛe a wasɛe

Yɛgye di sɛ “nnipa nyinaa ayɛ bɔne, na Onyankopɔn animuonyam abɔ wɔn” na wɔsɛ daa amanehunu, nti wohia ahonnu ne awofoforo (Gɛn. 3:1-19, Yes. 53:6; Asom. 2:38; 17:30).

4. Agyenkwa no

Yɛgye hia a onipa hia Agyenkwa a ɔne Kristo Yesu a Ne mu na nkwagye hyɛ ɛnam N'awo kronkron, N'asetra kronkro, Ne mpatuwu, Ne wusɔre ne Ne sorokɔ, Ne daa odima, Ne ba a ɛtɔ so abien ne Ne mfirinhyia apem wo ahyɛde so no di (Yoh. 8:46; Fil. 2:9-11; 1 Tes. 4:16-17; Adiy. 22:20).

5. Ahonnu, bembu ne ahotew 

Yɛgye di sɛ ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa nu wɔn ho wɔn awosu bɔne ho, pae mu ka wɔn bɔne Onyankopɔn anim na wɔgye Kristo Yesu wu a Owu sii yɛn anan mu no di ansa na wɔabu wɔn bem Onyankopɔn anim. Yɛgye ahotew a gyidin nam Sunsum Kronkron dwumadi tumi so nya na ɛyɛ adwuma n'abrabom no, ne Onyankopɔn akyɛde a ɛne daa nkwa a ɔde ma agyidifo no di (Asom. 2:38; Luka 15:7; Rom. 5:16; 1 Kor. 1:30; 1 Tes. 4:3).

6. Nsum asubɔ ne Awurade adidi adommenade no 

Yɛgye nsu mu asubɔ di. Nsu mu asubɔ gyina onipa a wasakra n'adwene na wadi mfirinhyia 13 de rekɔ adansedi so. (Luka 3:21; Maako 16:16) (Yɛmmɔ mmɔfra asu na mmom yɛde wɔn hyɛ Awurade nsa Luka 2:22-24, 34; Maako 10:16). Yɛgye adommenade a ɛyɛ Awurade Adidi no di. Adidi a ɛsɛ sɛ asafomma a wodi mu nyinaa bom di no (Luka 22:19, 20; Mat. 26:21-29; Asom. 20:7).

7. Honhom Kronkron asubɔ, emu dom akyɛde ne n'aba 

Yɛgye Honhom Kronkron asubɔ a agyidifo nya ne nsɛnkyerɛne a edi akyi no di; dom akyɛde ahorow no ne wɔn dwumadi, ne Honhom Kronkron mu aba a ɛda adi ahotewfo abrabɔ mu no di (1 Kor. 12:18-31; Maako 16:17; Asom. 2:4; Gal.5:22).

8. Nyame mu ayaresa 

Yɛgye di sɛ Onyame asiesie ayaresa de ama ne nkurɔfo wɔ Yesu Kristo mpatuwu no mu. Nanso asɔre no nsiw obiara a ɔpɛ sɛ ɔkɔhwehwɛ oduruyɛfo (dɔkota) nkyɛn ayaresa ho kwan (Yes. 53:4,5; Mat. 8:7, 17; Maako 16:18; Yak. 5:14-16; Luka 13:1-16).

9. Ntotoso du du ne afɔrebɔ 

Kyerɛw Kronkron kyerɛ pefee sɛ wɔmfa nea wonya nyinaa so ntotoso du du mmerɛ Awurade. Bio nso, wɔmmɔ ɔpɛso afɔre mfa mmoa mma Onyame ahenni-trɛw nkɔ so. Onyankopɔn hyira obiara a ofiri ne koma mu de ma (Mal. 3:10; 2 Kor. 8:7; Heb. 7:14; Asom. 20:35).

10. Nkwa a ɛrebɛba no 

Yɛgye owusɔre di: wɔn a wɔanya nkwa ne wɔn a wonnyaa nkwa; wɔn a wɔanya nkwa no bɛkɔ nkwasɔre mu; na wɔn a wonnyaa nkwa no akɔ atemmusɔre mu (Yoh. 5:28-29; Dan. 12:2; Rom. 2:7; 6:23; 1 Yoh. 1:1,2).

The tenets of The Church of Pentecost

The Bible

We believe in the divine inspiration and authority of the Holy Scriptures. That the Bible is infallible in its declaration, final in its authority, all-sufficient in its provisions and comprehensive in its sufficiency. (2 Timothy 3.16, 2 Peter 1.21)

The One True God

We believe in the existence of the One True God, Elohim, maker of the whole universe; undefinable, but revealed as Triune Godhead---Father, Son and Holy Spirit---One in nature, essence, and attributes, omnipotent, omniscient and omnipresent. (Genesis 1.1, Matthew 3.16--17, 2 Corinthians 13.14, Matthew 18.19, Genesis 1.26)

Man's Depraved Nature

We believe that "all men have sinned and come short of the glory of God;" and are subject to eternal punishment; and need repentance and regeneration. (Genesis 3.1--19, Isaiah 53.6)

The Saviour

We believe man's need of a Saviour has been met in the person of Christ Jesus, because of his deity, virgin birth, sinless life, atoning death, resurrection and ascension; His abiding intercession and second coming. (John 8.46, 14.30, Colossians 1.15, 2 Corinthians 5.19, Romans 3.25, Acts 2.36, Philippians 2.9--11, 1 Thessalonians 4.16--17, Revelation 22.20)

Repentance, Regeneration, Justification, and Sanctification

We believe all men have to repent of and confess their sins before God, and believe on the vicarious death of Christ Jesus before they can be justified before God. We believe in the Sanctification of the believer through the working of the Holy Spirit and in God's gift of Eternal Life to the believer. (Acts 4.25, Romans 5.16, 1 Corinthians 1.30, 1 Thessalonians 4.3)

The Sacraments of Baptism and the Lord's Supper

We believe in the Sacrament of baptism by immersion, as a testimony of a convert who has attained a responsible age of say 13 years (Luke 3.21, Mark 10.16) (Infants and children are not baptised but are dedicated to the Lord), (Luke 2.22--24, 34, Mark 10.16). We believe in the Sacrament of the Lord's Supper which should be partaken by all members who are in full fellowship. (Luke 22.19--20, Matthew 26.21--29, Acts 20.7)

The Fruit, Baptism, and Gifts of the Holy Spirit

We believe in Baptism of the Holy Spirit for believers with signs following; and in the operation of the gifts and the fruit of the Holy Spirit in the lives of believers. (1 Corinthians 12.8--11, Mark 16.17, Acts 2.4, Galatians 5.22)

Divine Healing

We believe that the healing of sickness and disease is provided for God's people in the atonement. (Isaiah 53.4--5, Matthew 8.7, 17, Mark 16.13, James 5.14--16, Luke 13.10-16) Yet the church is not opposed to soliciting the help of qualified medical practitioners.

Tithes and Offerings

We believe in tithing and in the giving of free will offerings towards the Kingdom of God. We believe that God blesses a cheerful giver. (Malachi 3.10, Hebrews 7.1--4, Luke 6.8, Acts 20.35)

The Second Coming of Christ and the Next Life

We believe in the second coming of Christ and the resurrection of both the saved and the unsaved. They that are saved to the resurrection of life---and the unsaved to the resurrection of damnation. (John 5.28--29, Daniel 12.2, Romans 2.7, 6.23, 1 John 1.1--2)